2024 BECE Akuapim Twi Comprehension Mock Questions in NaCCA/WAEC Format

2024 BECE Akuapim Twi Comprehension Mock Questions

Candidates preparing for the 2024 BECE can now access our 2024 BECE Akuapim Twi Comprehension Mock Questions in NaCCA/WAEC Format. You can download the file as well and use it to revise; however, we have not provided the answers to the questions. The full question with the marking scheme can be purchased here: BUY AKUAPIM TWI

 

2024 BECE Akuapim Twi Comprehension Mock Questions in NaCCA/WAEC Format

 

PAPER 2

 OSUSUKYERƐW

This paper consists of Three Parts, I, II, III. Answer one question in Part I and all the questions in Parts II and III.

Answer all the questions in your answer booklet.

Credit will be given for clarity of expression and orderly presentation of material.

ƆFA I

ESSAY WRITING

  1. Paw nea edidi so yi mu biako pɛ na fa nsɛmfua bɛyɛ ɔha aduonum (150) kyerɛw ho asɛ
  2. Woyɛ wo sukuu mu asuafo panyin, kyerɛw krataa kɔma wo kuromhene na srɛ no sɛ, ɔmmɛboa mo wɔ mpontunnwuma abiesa mu.
  3. Wugye di sɛ eye se mmea ne mmarima nyinaa kɔ sukuu bɔ mu? Kyerɛ w’adwene.
  4. Kyerɛw nea woyɛ no Memeneda biara.
  5. Toa ayɛsɛm yi so; Da koro bi a na mifi asɔre rekɔ fie no,………

 

ƆFA II

COMPREHENSION

Kenkan ayɛsɛm yi na bua nsɛmmisa a ɛwɔ ase no nyinaa.

Aboa Ohurii na ɔkɔfaa Atɛtea adamfo. Wɔn nnamfofa no mu den nti, na aboa biara suro sɛ ɔde asɛm bɔne biara bɛforo wɔn. Wɔyɛ biribiara bom gye sɛ wɔrekodidi na obiara kɔpɛ n’aduan nko.

Da bi wɔ hɔ a wɔtena ase di nkɔmmɔ kyɛ yiye. Asɛm a wɔtaa dwennwen ho bi ne ɔkwan a wɔbɛfa so adidi ne sɛnea wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi onipa dasani nnaadaasɛm ho. Sɛ wɔredi nkɔmmɔ na wohu sɛ ɔdasani reba a, na wɔrehwehwɛ ɔbɔn bi abɔ awura mu. Wɔsuro Ɔdasani kyɛn biribiara wɔ wiase yi mu.

Ohurii yɛ aboa a n’ani so yɛ hyew yiye. Ɔmfa n’asɛm nsie na ɔkasa akokoduru so. Sɛ ɔrekasa a wobɛka sɛ ɔda apem so.

Atɛtea de, ɔdwo na sɛ wunya adagyew hwɛ ne nneyɛe ahorow yiye a, wohu no preko pɛ sɛ ɔyɛ onyansafo.

Da koro bi a wɔahyia redi nkɔmmɔ no Ohurii bisaa Atɛtea se ɔpɛ sɛ ohu ne nsusuw a ɛwɔ ne tirim efisɛ ɔne no anantew akyɛ. Asɛm yi bɔɔ Atɛtea bo enti ɔkakyerɛɛ Ohurii sɛ ɔmma no mmere kakra na ɔnkɔdwen asɛmmisa no ho.

Wohyiaa bio no, Atɛtea de too Ohurii anim sɛ, esiane sɛ ɔno na ɔkɔfaa asɛm no bae nti ɔnka ne de ansa. Efi Ohurii ano a ose, “Sɛ menya onipa dasani a, mɛnom ne mogya nyinaa ama no awu”. Bere a eduu Atɛtea so no, asɛm tiaa a ɔkae ara ne sɛ, “Me de me kosɛkosɛ wɔ me tirim”. Ade kyee awia no, mmoa abien yi sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ aduan bi adi. Ohurii na odi kan. Ɔkɔɔ n’anim kakra no, ohuu sɛ nnipa baasa bi tete dua bi ase retwetwe nkɔmmɔ. Ɛhɔ ara na ɔyɛɛ ntɛm tu kosii obiako a wayi ne serɛ ho no fii ase twee ne mogya abufuw so, ɔdasani tee nka sɛ ne serɛ ho hyehye no, na ɔmfa ne nsa mmɔ hɔ nhwɛ a, dɛn ni?. Mogya na ayɛ ne nsam yi na ohurii nso na ɔda ayeya yi.

Ankyɛ biara na Atɛtea duu hɔ. Ɔde anigye twee ohurii kɔɔ ne muka ho kɔyɛɛ ne ho adwuma. Bere a Atɛtea retwe ohurii abommo no asɛm a na ɔreka ne sɛ. “Me kosɛkosɛ ni”.

 READ: 2024 BECE Integrated Science Questions (NACCA and WAEC Format)

Nsɛmmisa

  1. Hena na Ohurii ne Atɛtea suro no pa ara wɔ wiase yi mu?
  2. Dɛn ade na mmoa abien yi nyɛ mmom?
  3. Suban abien bɛn na mmoa abien yi mu biara yii no adi?
  4. Kyerɛ nneɛma abien a mmoa yi taa dwennwen ho?
  5. Ohurii nsusuw a ewɔ ne tirim ne dɛn?
  6. Bobɔ mmoa abien yi din.
  7. Kyerɛ saa nsɛm yi ase:
  8. i) ɔda apem so
  9. ii) kɔyɛɛ ne ho adwuma
  10. Wɔ ayɛsɛm no mu no, mmoa yi anantew mfe dodow sɛn?
  11. Atetea nsusuw a ɛwɔ ne tirim ne dɛn?
  12. Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayɛsɛm yi din.

The full question with the marking scheme can be purchased here: BUY AKUAPIM TWI

JOIN OUR WHATSAPP CHANNEL – >>>GO HERE NOW

We hope these 2024 BECE Akuapim Twi Comprehension Mock Questions in NaCCA/WAEC Format were useful.

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Examination TypeCandidatesStart DateEnd Date
BECEJHS3 StudentsMonday, July 8th 2024Monday, July 15th 2024
WASSCESHS3 StudentsMonday, August 5th, 2024Friday, September 27th, 2024